1 Crônicas 24

TWI

1 Sɛnea wɔkyekyɛɛ Aaron asefo a wɔyɛ asɔfo no mu akuwakuw ma wɔsom no ni: Na Aaron mmabarima no yɛ Nadab, Abihu, Eleasar ne Itamar.

2 Nanso Nadab ne Abihu wui a wonni mma ansa na wɔn agya rewu. Enti ɛkaa Eleasar ne Itamar nko ara a na ɛsɛ sɛ wɔyɛ asɔfo.

3 Mmoa a Sadok a na ɔyɛ Eleasar aseni ne Ahimelek a na ɔyɛ Itamar aseni no boae no nti, Dawid kyekyɛɛ Aaron asefo mu akuwakuw sɛnea wɔn dwumadi te.

4 Wɔkyɛɛ Itamar de mu akuw awotwe, efisɛ na Eleasar asefo mu mmusua mpanyimfo no dɔɔso.

5 Wɔnam ntontobɔ kronkron so, kyekyɛɛ dwumadi ahorow nyinaa maa akuwakuw no, sɛnea ɛrenyɛ nhwɛanimsɛm biara. Efisɛ na mpanyimfo bebree a wɔfata sɛ wɔsom Onyankopɔn kronkronbea hɔ a wɔyɛ Eleasar ne Itamar asefo no nso wɔ hɔ.

6 Netanel babarima Semaia a na ɔyɛ Lewini no yɛɛ adwuma sɛ ɔkyerɛwfo. Ɔkyerɛw din ne nnwuma ahorow wɔ ɔhene no ne ɔsɔfo Sadok ne Abiatar babarima Ahimelek ne asɔfo no ne Lewi mmusua no mpanyimfo anim. Eleasar ne Itamar asefo bobɔɔ ntonto sɛnea edidi so yi:

7 Ntonto a edi kan no bɔɔ Yehoiarib.

8 Ntonto a ɛto so abiɛsa no bɔɔ Harim.

9 Ntonto a ɛto so anum no bɔɔ Malkia.

10 Ntonto a ɛto so ason no bɔɔ Hakos.

11 Ntonto a ɛto so akron no bɔɔ Yesua.

12 Ntonto a ɛto so dubaako no bɔɔ Eliasib.

13 Ntonto a ɛto so dumiɛnsa no bɔɔ Hupa.

14 Ntonto a ɛto so dunum no bɔɔ Bilga.

15 Ntonto a ɛto so dunson no bɔɔ Hesir.

16 Ntonto a ɛto so dunkron no bɔɔ Petahia.

17 Ntonto a ɛto so aduonu baako no bɔɔ Yakin.

18 Ntonto a ɛto so aduonu abiɛsa no bɔɔ Delaia.

19 Kuw biara dii ne dwuma wɔ Awurade fi sɛnea wɔn agya Aaron nam Awurade, Israel Nyankopɔn akwankyerɛ so hyehyɛ maa wɔn no.

20 Eyinom ne mmusua a aka a wɔyɛ Lewi asefo no mpanyimfo:

21 Rehabia asefo ntuanoni ne Yisia.

22 Yishar asefo ntuanoni ne Selomot.

23 Hebron asefo ntuanofo ne:

24 Usiel asefo ntuanoni ne Mika.

25 ne Mika nuabarima Yisia.

26 Merari asefo ntuanofo ne Mahli ne Musi.

27 Merari asefo a wofi Yasia mu no, ntuanofo no ne:

28 Mahli asefo ntuanoni ne Eleasar a na onni mmabarima no.

29 Kis asefo ntuanoni ne Yerahmeel.

30 Musi asefo ntuanofo ne Mahli, Eder ne Yerimot.

31 Wɔnam ntonto kronkron a wɔbɔɔ wɔ wɔn so na wɔde wɔn nnwuma hyɛɛ wɔn nsa te sɛ Aaron asefo de no, a wɔanhwɛ mfe a wɔadi ne wɔn dibea. Wodii dwuma no wɔ ɔhene Dawid, Sadok, Ahimelek, asɔfo ne Lewifo mmusua mpanyimfo no anim.

Ler em outra tradução

Comparar lado a lado