1 Israel mmabarima yɛ Ruben, Simeon, Lewi, Yuda, Isakar, Sebulon,
2 Dan, Yosef, Benyamin, Naftali, Gad ne Aser.
3 Yuda ne Kanaannibea Bat-Sua woo mmabarima baasa.
4 Akyiri no, Yuda ne nʼase kunafo Tamar woo nta. Na wɔn din de Peres ne Serah.
5 Na Peres mmabarima din de
6 Serah mmabarima din de
7 Akar a ɔyɛ Karmi babarima ne Serah asefo no mu baako nam fa a ɔfaa asade a wogyaw maa Awurade no so, de amanehunu baa Israelfo so.
8 Na Etan babarima ne
9 Hesron mmabarima din de Yerahmeel, Ram ne Kaleb.
10 Ram yɛ Aminadab agya.
11 Nahson yɛ Salma agya.
12 Boas yɛ Obed agya.
13 Yisai abakan yɛ Eliab nea ɔto so abien yɛ Abinadab na nea ɔto so abiɛsa yɛ Simea.
14 Na nea ɔto so anan yɛ Netanel na Radai to so anum.
15 Ne babarima a ɔto so asia no din de Osem na Dawid na na ɔto so ason.
16 Na wɔn nuabeanom din de Seruia ne Abigail.
17 Abigail waree ɔbarima bi a ne din de Yeter a ɔyɛ Ismaelni na wɔwoo ɔbabarima a wɔtoo no din Amasa.
18 Na Hesron babarima Kaleb wɔ yerenom baanu a wɔne Asuba ne Yeriot. Na Asuba mmabarima din de Yeser, Sobab ne Ardon.
19 Asuba wu akyi no, Kaleb waree Efrata. Wɔwoo ɔbabarima too no din Hur.
20 Hur woo Uri. Uri nso woo Besaleel.
21 Bere a Hesron dii mfe aduosia no, ɔwaree Gilead nuabea a na ɔyɛ Makir babea. Wɔwoo ɔbabarima too no din Segub.
22 Segub woo Yair a odii nkurow aduonu abiɛsa so wɔ Gilead asase so no.
23 (Akyiri no, Gesur ne Aram gyee Yair nkurow, san gyee Kenat ne ne nkuraa aduosia a atwa ho ahyia no nyinaa.)
24 Hesron wuu wɔ kurow Kaleb-Efrata mu akyi no, ne yere Abia woo ɔbabarima a wɔtoo no din Asur (Tekoa agya).
25 Hesron abakan Yerahmeel mmabarima a ɔwoo wɔn no din yɛ
26 Na Yerahmeel wɔ ɔyere a ɔto so abien a wɔfrɛ no Atara, na ɔno na ɔwoo Onam.
27 Ram a ɔyɛ Yerahmeel abakan no mmabarima yɛ
28 Onam mmabarima yɛ
29 Na Abisur ne ne yere Abihail mmabarima yɛ Ahban ne Molid.
30 Na Nadab mmabarima yɛ
31 na Apaim de, ɔwoo ɔbabarima a wɔfrɛ no Yisi.
32 Na Samai nuabarima Yada woo
33 nanso Yonatan woo mmabarima baanu a na wɔfrɛ wɔn
34 Na Sesan annya mmabarima, onyaa mmabea.
35 Sesan de ne mmabea no mu baako maa Yarha aware na wɔwoo ɔbabarima too no din Atai.
36 Atai woo Natan
37 Sabad woo Efial.
38 Obed woo Yehu
39 Asaria woo Heles.
40 Eleasa woo Sisemai
41 Salum woo Yekamia,
42 Yerahmeel nua Kaleb
43 Na Hebron mmabarima yɛ
44 Na Sema woo Raham.
45 Na Samai woo Maon.
46 Na Kaleb mpena Efa woo
47 Na Yahdai mmabarima yɛ
48 Kaleb mpena foforo bi a wɔfrɛ no Maaka woo
49 Ɔsan woo Saaf a na ɔyɛ Madmana agya
50 Eyinom nyinaa yɛ Kaleb asefo.
51 Salma a ɔyɛ Betlehem agya ne Haref a ɔyɛ Bet-Gader agya.
52 Sobal a ɔyɛ Kiriat-Yearim agya no mmabarima yɛ
53 na ne fa a aka no fi Kiriat-Yearim mmusua mu. Sobal asefo a wɔka ho ne Yitrifo, Putifo, Sumatifo ne Misraimfo, wɔn mu na Sorafo ne Estaolfo fi.
54 Salma asefo yɛ
55 ne akyerɛwfo mmusua a wɔte Yabes no, Tirafo, Simeafo ne Sukatfo. Eyinom nyinaa yɛ Kenifo, Hamat a ɔyɛ Rekab agya no asefo.